Jump to content

Ghana Mmabunu Atenaeɛ Kuo

Ɛfi Wikipedia

Ghana Youth Environmental Movement (GYEM), yɛ ɔman mmabunu- nnianim kuo wɔ Ghana a wɔteeeɛ wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dummienu(2021) mu, wɔn a wɔtee kuo no yɛ nnipakuo bi a wɔyɛ mmabunu a wɔpere pɛ nsesaeɛ na Gideon Commey na ɛyɛ kuo no baanodani, kuo no nam ɔsatuo a ɛfa gyina a wɔgyina ma atenaeɛ pa akyi ne mpɔtam dwumadie hyɛ mmabunu nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nnye kwan a wɔfa so kura wɔn atenaeɛ ne wiem nsakraeɛ ho nsɛm ho.[1][2]

Wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dunwɔtwe(2018) ne mfeɛ mpem aduonu ne dunkron(2019) ntam no, GYEM hyehyɛɛ dwumadie Tumi Nsesa mu( Power Shift), dwumadie a ɛboaboa mmabunu ano ne wɔn dwendwene nsɛm bi a asɔre a ɛfa bɔɔla ho nhwɛsoɔ ho, ahonidie, rɔba a ɛseɛ mframa, wiem nsakraeɛ ne anyinam ahoɔden nnanemu ho. GYEM dii dwuma wɔ ɔsatuo a atia afidie a wɔdehye bidie de nya ayinam ahoɔden mmaaeɛ wɔ Ghana no ho na wɔsan so dii mfeɛ mpem aduonu ne dunsia(2016) ɔsatuo a ɛtia bidie hyeɛ ho dwumadie no anim.[3]

Nhyehyɛeɛ

Ahinime bosome mu wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu(2020) mu no, GYEM hyehyɛɛ nsuo kiosk dwumadie bi a wɔtoo din Kyensu Kiosk. Botaeɛ ne sɛ wɔbɛma mpɔtam a wɔn sikasɛm wɔ fam wɔ Ga West Municipal District anya nsuo yɛnom kumaa bi. Mpɔtam no anya ɔhaw wɔ nsuo anya ho ɛfa no nsuo a ɛho te a wɔbɛnom ho.[4][5]

Ɔsatuo

Wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dunwɔtwe(2018) mu no, kuo no yɛɛ Power Shift Environmental Summit dwumadie na wɔde rehyɛ Wiase nyinaa Atenaeɛ Da( World Environmental Day) no nso wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dunwɔtwe(2018) mu wɔ Nkran. Dwumadie no boaa mmabunu ne adwuma mu mpanimfoɔ ano ma wɔdwendwene rɔba hyee a ɛseɛ mframa ho nsɛm wɔ Ghana.[6]Ɔbenem bosome wɔ mfeɛ mpen aduonu ne dunkron(2019) mu no, kuo no dii mmabunu akuokuo ne aban akuokuo anim wɔ ɔsatuo a na wɔde rehyɛ Abibirem aban mpanimfoɔ sɛ wɔnni dwuma ntia wiem nsakraeɛ nsesaeɛ ho.[7][8]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

  1. GYEM announces advocacy coalition for ban of single-use plastics (in American English), 2022-03-10, retrieved 2024-08-11
  2. GYEM Urges Government to Protect Ghana’s Forests from Destruction, 2022-06-21, archived from the original on 2022-06-21, retrieved 2024-08-11
  3. GYEM announces advocacy coalition for ban of single-use plastics (in American English), 2022-03-10, retrieved 2024-08-11
  4. Ghana Youth Environmental Movement commissions water project in Ga West (in American English), 2020-11-05, retrieved 2024-08-11
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Ghana-Youth-Environmental-Movement-launches-water-project-in-low-income-community-in-Accra-1031209
  6. Ghana Youth Environmental Movement holds plastic pollution summit (in American English), 2018-06-11, retrieved 2024-08-11
  7. Climate Week: Youth Groups across Africa march to demand immediate action - MyJoyOnline (in American English), 2019-03-22, retrieved 2024-08-11
  8. Environmental activists 'besiege' Africa Climate Week conference with campaign (in American English), 2019-03-21, retrieved 2024-08-11